28 Mommma wei nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ berɛ no reba a wɔn a wɔwɔ nkaeɛ ada mu nyinaa bɛte ne nne,+29 na wɔapue. Wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔreɛ mu, na wɔn a wɔyɛɛ akyiwadeɛ no akɔ atemmuo wusɔreɛ mu.+
35 Wɔnam owusɔreɛ so maa mmaa nsa kaa wɔn awufoɔ.+ Nanso ebinom deɛ, wɔyɛɛ wɔn ayayadeɛ ɛfiri sɛ wɔampene amma wɔamfa agyedeɛ bi so annye wɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya owusɔreɛ a ɛkyɛn saa.