25 Saa berɛ no, Yesu kaa sɛ: “Agya, ɔsoro ne asaase Wura, meyi wo ayɛ wɔ badwam, ɛfiri sɛ wode weinom asie anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi no adi akyerɛ mmɔfra nkumaa.+
16 Adwene a mowɔ wɔ mo ho no, monnya saa adwene no ara bi wɔ afoforɔ ho; monnnwennwene nneɛma akɛseɛ ho, na mmom monni nneɛma a ɛba fam akyi.+ Monnyɛ mo ani so anyansafoɔ.+