Dwom 41:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Deɛ me ne no te asomdwoeɛ mu mpo a mede me ho too ne so,+Na ɔdi m’aduane* no, wasɔre atia me.*+ Mateo 26:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Berɛ a wɔredidi no, ɔkaa sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, mo mu baako bɛyi me ama.”+ Yohane 13:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka mo ho asɛm; menim wɔn a mayi wɔn. Na mmom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a twerɛsɛm yi bɛba mu ntira.+ Ɛka sɛ: ‘Deɛ na ɔdi m’aduane* no, wasɔre atia me.’*+
18 Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka mo ho asɛm; menim wɔn a mayi wɔn. Na mmom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a twerɛsɛm yi bɛba mu ntira.+ Ɛka sɛ: ‘Deɛ na ɔdi m’aduane* no, wasɔre atia me.’*+