2 O sankuo, nyane; sankuten, wo nso nyane.+
Mɛnyane ahomakye.
3 O Yehowa, mɛyi wo ayɛ wɔ amanaman mu;
Mɛto ayeyi dwom ama wo wɔ aman nyinaa mu.
4 Ɛfiri sɛ wo dɔ a ɛnni hwammɔ no so, na ɛkɔduru soro,+
Na wo nokorɛdie kɔduru wiem.
5 O Onyankopɔn, ma wo ho so tra soro;
Ma w’animuonyam nkata asaase nyinaa so.+