-
Adiyisɛm 20:12, 13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Na mehuu awufoɔ, akɛseɛ ne nketewa, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim, na wɔbuebuee nwoma mmobɔeɛ mu. Na wɔbuee nwoma mmobɔeɛ foforɔ mu; ɛno ne nkwa nwoma mmobɔeɛ+ no. Na wɔde nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma mmobɔeɛ ahodoɔ no mu no buu awufoɔ no atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.+ 13 Na ɛpo yii awufoɔ a ɛwom maeɛ, na owuo ne Adamena* yii awufoɔ a ɛwom maeɛ, na wɔbuu wɔn atɛn mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.+
-