Dwom 34:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Mmɔborɔwa yi frɛeɛ, na Yehowa tiee no. Ɔgyee no n’ahohia nyinaa mu.+ Dwom 65:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na nnipa a wɔfiri mmaa* nyinaa bɛba.+ Dwom 116:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 116 Medɔ Yehowa,Ɛfiri sɛ ɔtie* me nne; ɔtie me sufrɛ.+ 1 Yohane 3:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 na biribiara a yɛbisa no, yɛnya firi ne hɔ,+ ɛfiri sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so, na yɛyɛ deɛ ɛsɔ n’ani.