23 nanso gye sɛ mokɔ so tena gyidie no mu,+ na mogyina fapem no so pintinn,+ na motintim+ a momma biribiara ntwe mo mfiri anidasoɔ a monam asɛmpa no so nyaeɛ no ho; saa asɛmpa no, wɔaka ho asɛm wɔ abɔdeɛ a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu,+ na ɛno na me Paul, mabɛyɛ ho somfoɔ.+