-
Mateo 21:12, 13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Na Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ kɔpamoo wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ nyinaa firii asɔrefie hɔ, na ɔkekaa wɔn a wɔsesa sika no apono ne wɔn a wɔtɔn mmuruburo no nkonnwa butubutui.+ 13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie,’+ nanso mo deɛ, mode ayɛ baabi a akorɔmfo-werɛmfoɔ tetɛ.”+
-
-
Marko 11:15-17Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Afei wɔbaa Yerusalem. Ɛnna ɔkɔɔ asɔrefie hɔ, na ɔfirii aseɛ pamoo wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ nyinaa firii asɔrefie hɔ, na ɔkekaa wɔn a wɔsesa sika no apono ne wɔn a wɔtɔn mmuruburo no nkonnwa butubutui,+ 16 na wamma obiara ansoa adeɛ antwam amfa asɔrefie hɔ. 17 Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Ɔkaa sɛ: “Wɔntwerɛɛ sɛ, ‘Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie ama amanaman nyinaa’?+ Nanso mo deɛ, mode ayɛ baabi a akorɔmfo-werɛmfoɔ tetɛ.”+
-
-
Yohane 2:13-17Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
13 Saa berɛ no, na Yudafoɔ Twam+ no abɛn, na Yesu foro kɔɔ Yerusalem. 14 Na ɔhuu sɛ ebinom tete asɔrefie hɔ a wɔretɔn anantwie ne nnwan ne mmuruburo,+ ɛnna ebinom nso resesa sika. 15 Enti ɔfaa nhoma, na ɔde yɛɛ abaa* pamoo wɔn a wɔde nnwan ne anantwie aba asɔrefie hɔ no nyinaa firii hɔ, na ɔhwiee wɔn a wɔsesa sika no sika gui, na ɔkaa wɔn apono butubutui.+ 16 Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtɔn mmuruburo no sɛ: “Momfa weinom mfiri ha nkɔ! Monnyae sɛ mode m’Agya fie ayɛ adwadie fie!”*+ 17 Ɛnna n’asuafoɔ no kaee sɛ, wɔatwerɛ sɛ: “Wo fie ho mmɔdemmɔ bɛmene me.”+
-