16 Berɛ a ɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ntɛm ara na Yesu firii nsuo no mu pueeɛ, na hwɛ! ɔsoro bueeɛ,+ na ɔhuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresiane aba ne so te sɛ aburuburo.+17 Na hwɛ! Ɛnne bi firi soro+ kaa sɛ: “Wei ne me Ba,+ deɛ medɔ no na magye no atom.”+
9 Saa nna no mu no, Yesu firi Nasaret a ɛwɔ Galilea baeɛ, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan mu.+10 Berɛ a ɔpue firii nsuo no mu ara pɛ na ɔhuu sɛ ɔsoro abue, na honhom no resiane ba ne so te sɛ aburuburo.+11 Na nne bi firi soro baa sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”+