25Bio nso, Dawid ne mpanimfoɔ a wɔdeda akuo no ano no yii Asaf, Heman, ne Yedutan+ asefoɔ no bi sɛ wɔnsom na wɔmfa asankuo, asankuten, ne nnawuro* nhyɛ nkɔm.+ Mmarima a wɔyii wɔn sɛ wɔnyɛ ɔsom adwuma no din na ɛdidi so yi.
15 Na Asaf mma nnwontofoɔ+ no kɔɔ wɔn nnwuma so sɛdeɛ Dawid,+ Asaf,+ Heman, ne Yedutan+ a na ɔyɛ ɔdehunufoɔ ma ɔhene no hyehyɛ too hɔ no; na apono ano ahwɛfoɔ no gyinagyinaa apono no nyinaa ano.+ Ná ɛho nhia sɛ wɔgyae wɔn nnwuma, ɛfiri sɛ wɔn nuanom Lewifoɔ no siesiee biribi maa wɔn.