-
Yesaia 63:11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 Na wɔkaee tete mmerɛ no,
N’akoa Mose berɛ so:
“Deɛ ɔyii wɔn ne ne nnwan so ahwɛfoɔ+ firii po mu no wɔ he?+
Na deɛ ɔde Ne honhom kronkron hyɛɛ ne mu no wɔ he?+
-
Asomafoɔ Nnwuma 7:35, 36Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
35 Mose yi a wɔkaa sɛ wɔnnim no, a wɔbisaa no sɛ: ‘Hwan na ɔde wo sii yɛn so sɛ sodifoɔ ne ɔtemmufoɔ?’+ no, ɔno ara na Onyankopɔn nam ɔbɔfoɔ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nwura* mu no so somaa no+ sɛ sodifoɔ ne ɔgyefoɔ. 36 Ɔbarima yi na ɔyii wɔn firii Egypt,+ na ɔyɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne wɔ Egypt+ ne Ɛpo Kɔkɔɔ no+ mu ne serɛ no so mfeɛ 40.+
-
-
-