“O Yehowa, yɛn agyanom Nyankopɔn, ɛnyɛ wone ɔsoro Nyankopɔn,+ na ɛnyɛ wo na wodi amanaman ahennie nyinaa so?+ Wo nsam na tumi ne kɛseyɛ wɔ, na obiara ntumi nnyina w’anim.+
2 Wei akyi no, honhom no baa me so ntɛm ara, na hwɛ! na ahennwa bi si soro, na na obi te ahennwa no so.+3 Ná Deɛ ɔte so no hyerɛn te sɛ ahwehwɛboɔ+ ne mogyanamboɔ, na na nyankontɔn a ɛte sɛ ahabammonoboɔ+ atwa ahennwa no ho nyinaa ahyia.