12 Enti ɔsoma kɔfrɛɛ no baeɛ. Ná ɔbere, na na n’ani mma yɛ fɛ, na ne ho nso yɛ fɛ.+ Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Sɔre sra no, na ɔno ara nie!”+ 13 Enti Samuel faa abɛn a ngo wom no,+ na ɔsraa no wɔ ne nuanom mu. Na ɛfiri saa da no rekɔ no, Yehowa honhom baa Dawid so.+ Akyire yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+