-
Hebrifoɔ 3:7-11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 Enti sɛdeɛ honhom kronkron ka+ no, “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a, 8 mommpirim mo akoma te sɛ berɛ a wɔhyɛɛ me abufuo dendeenden no, te sɛ da a wɔsɔɔ me hwɛɛ wɔ serɛ so hɔ,+ 9 baabi a mo agyanom gyegyee me na wɔsɔɔ me hwɛeɛ no. Mereka yi, na wɔahunu me nnwuma mfeɛ 40.+ 10 Ɛno nti, awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me abofono, na mekaa sɛ: ‘Daa wɔfom kwan wɔ wɔn akoma mu, na wɔnhuu m’akwan.’ 11 Enti mede abufuo kaa ntam sɛ: ‘Wɔrenkɔ me home mu.’”+
-