16 Na mpanimfoɔ 24+ a wɔtete wɔn nhennwa so wɔ Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuu fam, na wɔsom Onyankopɔn, 17 na wɔkaa sɛ: “Yɛda wo ase, Yehowa Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ, wo a na wowɔ hɔ, na woda so wɔ hɔ,+ ɛfiri sɛ woafa wo tumi kɛseɛ no na woafiri aseɛ redi hene.+