4 Enti Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Montwe mmɛn me.” Na wɔbɛn no.
Afei ɔkaa sɛ: “Mene mo nua Yosef a motɔn no baa Egypt no.+ 5 Nanso mommma no nnha mo, na mommma obiara mmmɔ ne yɔnko soboɔ sɛ motɔn me baa ha, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa me dii mo anim sɛ memmɛkora nkwa so.+