9 Hwan na ɔde me bɛkɔ kuro a wɔatwa ho ahyia no mu?
Hwan na ɔbɛdi m’anim akɔduru Edom?+
10 O Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woato yɛn atwene?
Ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wo ne yɛn asraafoɔ nkɔ ɛko bio no?+
11 Gye yɛn firi ahohia mu,
Ɛfiri sɛ nkwagyeɛ a ɛfiri onipa hɔ deɛ, mfasoɔ nni so.+
12 Onyankopɔn hɔ na yɛbɛnya ahoɔden,+
Na ɔno na ɔbɛtiatia yɛn atamfo so.+