34 Hwan na ɔbɛtumi abu wɔn fɔ? Kristo Yesu ne deɛ ɔwuiɛ no, na deɛ ɛsene saa no, ɔno ne deɛ wɔanyane no no. Ɔte Onyankopɔn nsa nifa,+ na ɔsrɛ ma yɛn nso.+
2 na yɛmfa yɛn ani nyinaa nsi Yesu so. Ɔno ne yɛn gyidie Safohene no ne deɛ ɔma yɛn gyidie wie pɛyɛ.+ Anigyeɛ a na ɛda n’anim nti, ɔmiaa n’ani hunuu amane wɔ asɛndua* so, na ɔbuu n’ani guu aniwuo so, na wakɔtena Onyankopɔn ahennwa no nifa.+