43 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛnneɛ adɛn nti na honhom no maa Dawid+ frɛɛ no Owura? Dawid kaa sɛ, 44 ‘Yehowa* ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛgu wo nan ase.”’+
42 Ɛfiri sɛ Dawid ankasa kaa wɔ Nnwom nwoma no mu sɛ, ‘Yehowa* ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa 43 kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.”’+
3 Ɔyɛ Onyankopɔn animuonyam nsɛsoɔ,+ na ɔda ne nipaban adi pɛpɛɛpɛ,+ na ɔnam n’asɛm a tumi wom no so ma nneɛma nyinaa kɔ so tena hɔ. Berɛ a ɔdwiraa yɛn ho firii yɛn bɔne ho+ wieeɛ no, ɔkɔtenaa Otumfoɔ no nsa nifa so wɔ soro.+
12 Nanso saa ɔbarima yi deɛ, ɔbɔɔ bɔne ho afɔreɛ baako pɛ, na n’afɔrebɔ no ntwam da. Ɛno akyi no, ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa.+13 Ɛfiri saa berɛ no, ɔretwɛn akɔsi sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ntiasoɔ.+