12 Na sɛ onii no wɔ ahokyerɛ mu a, deɛ ɔde asi awowa a ɛwɔ wo nkyɛn no, hwɛ na woamma adeɛ ankye so.+ 13 Awia kɔtɔ ara pɛ a, san fa deɛ ɔde sii awowa no kɔma no, na ɔmfa ne ntoma no nkɔda+ na ɔnhyira wo. Na Yehowa wo Nyankopɔn nso bɛbu wo sɛ woyɛ ɔteneneeni.