15 Na ɔkaa sɛ: “Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa ne Ɔhene Yehosafat, monyɛ aso! Deɛ Yehowa reka akyerɛ mo nie, ‘Monnsuro, na mommmɔ hu ɛdɔm kɛseɛ yi nti; ɛfiri sɛ ɛko no nyɛ mo ko, na ɛyɛ Onyankopɔn dea.+
17 Ɛko yi, ɛnyɛ mo na mobɛko. Monkɔgyinagyina hɔ, monyɛ komm+ na monhwɛ sɛdeɛ Yehowa bɛgye mo nkwa.+ O Yuda ne Yerusalem, monnsuro, na mommmɔ hu.+ Ɔkyena momfiri adi nkɔhyia wɔn, na Yehowa bɛdi mo akyi.’”+