-
Mateo 21:7-9Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 Wɔde afunumu no ne ne ba no bae, na wɔde wɔn ntaadeɛ ngugusoɔ guu wɔn so, na ɔtenaa so.+ 8 Nnipadɔm no mu dodoɔ no ara de wɔn ntaadeɛ ngugusoɔ sesɛɛ kwan no mu,+ na ebinom nso twitwaa nnua mman de guu kwan no mu. 9 Na nnipadɔm no, wɔn a wɔdi n’anim ne wɔn a wɔdi n’akyi nyinaa, kɔɔ so teateaam sɛ: “Yɛsrɛ wo, gye* Dawid Ba no!+ Nhyira ne deɛ ɔba wɔ Yehowa* din mu!+ Yɛsrɛ wo, gye no, wo a wowɔ ɔsorosoro nohoa!”+
-
-
Marko 11:7-10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 Na wɔde afunumu ba+ no brɛɛ Yesu, na wɔde wɔn ntaadeɛ ngugusoɔ guu ne so, na ɔtenaa ne so.+ 8 Afei nso, nnipa bebree de wɔn ntaadeɛ ngugusoɔ sesɛɛ kwan no mu, na ebinom nso twitwaa nnua mman firii wuram.+ 9 Na wɔn a wɔdi animu ne wɔn a wɔdi akyire no kɔɔ so teateaam sɛ: “Yɛsrɛ wo, gye no!+ Nhyira ne deɛ ɔba wɔ Yehowa* din mu!+ 10 Nhyira ne yɛn agya Dawid+ Ahennie a ɛreba no! Yɛsrɛ wo, gye no, wo a wowɔ ɔsorosoro nohoa!”
-
-
Luka 19:37, 38Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
37 Berɛ a ɔbɛn kwan a ɛsiane firi Ngodua Bepɔ no so pɛ, asuafoɔ bebrebe no nyinaa firii aseɛ dii ahurisie, na ɛsiane anwanwadeɛ* a na wɔahunu no nyinaa nti, wɔde nne kɛseɛ yii Onyankopɔn ayɛ. 38 Wɔkaa sɛ: “Nhyira ne deɛ ɔreba sɛ Ɔhene wɔ Yehowa* din mu! Asomdwoeɛ wɔ soro, na animuonyam wɔ ɔsorosoro nohoa!”+
-