11 Akyire yi, Saul somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔwɛn Dawid fie na wɔnku no anɔpa,+ nanso Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ anadwo yi woannwane* a, ɔkyena wobɛwu.”
26 Ɛduruu baabi no, na Saul wɔ bepɔ no fã ha, ɛnna Dawid ne ne mmarima no nso wɔ bepɔ no fã nohoa. Ná Dawid redwane+ Saul, nanso na Saul ne ne mmarima no rebɛn Dawid ne ne mmarima no, na na wɔrepɛ wɔn akye wɔn.+