Dwom 97:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 O mo a modɔ Yehowa, monkyiri bɔne.+ Ɔwɛn n’anokwafoɔ;*+Ɔgye wɔn firi nnebɔneyɛfoɔ nsam.+ Dwom 101:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Meremfa biribiara a mfasoɔ nni so* nsi m’ani so. Wɔn a wɔamane afiri deɛ ɛtene ho no, mekyiri wɔn nneyɛɛ;+Me ne wɔn nni twaka biara.* Mmebusɛm 8:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Deɛ Yehowa suro kyerɛ ne sɛ wobɛtan bɔne.+ Mekyiri ahomasoɔ+ ne ahantan ne ɔkwammɔne ne nkontomposɛm.+ Mmebusɛm 13:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ɔteneneeni tan atorɔ,+Na abɔnefoɔ nneyɛɛ deɛ, ɛde aniwuo ne animguaseɛ na ɛba. Romafoɔ 12:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Mommma nyaatwom mmma mo dɔ mu.+ Monkyiri bɔne;+ mommata papa ho.
3 Meremfa biribiara a mfasoɔ nni so* nsi m’ani so. Wɔn a wɔamane afiri deɛ ɛtene ho no, mekyiri wɔn nneyɛɛ;+Me ne wɔn nni twaka biara.*
13 Deɛ Yehowa suro kyerɛ ne sɛ wobɛtan bɔne.+ Mekyiri ahomasoɔ+ ne ahantan ne ɔkwammɔne ne nkontomposɛm.+