Dwom 1:2, 3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Mmom n’ani gye Yehowa mmara+ ho,Na ɔkenkan Ne mmara no dwendwene ho* awia ne anadwo.+ 3 Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no nsuo ho;Ɛso aba wɔ ne berɛ mu,Na n’ahaban remporo, Na deɛ ɔyɛ biara bɛwie yie.+ Mmebusɛm 3:1, 2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Me ba, mma wo werɛ mmfi me nkyerɛkyerɛ,*Na ma w’akoma nni m’ahyɛdeɛ so, 2 Ɛfiri sɛ ɛde nna pii,Ne nkwa tenten* ne asomdwoeɛ bɛka wo ho.+ Yesaia 32:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Nokorɛ tenenee de asomdwoeɛ bɛba,+Na aba a nokorɛ tenenee bɛso bɛyɛ kommyɛ ne ahotɔ akɔsi daa.+ Yesaia 48:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Sɛ wobɛtie me mmara nsɛm a,+ Anka w’asomdwoeɛ bɛyɛ sɛ asubɔnten,+Na wo tenenee ayɛ sɛ po asorɔkye.+
2 Mmom n’ani gye Yehowa mmara+ ho,Na ɔkenkan Ne mmara no dwendwene ho* awia ne anadwo.+ 3 Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no nsuo ho;Ɛso aba wɔ ne berɛ mu,Na n’ahaban remporo, Na deɛ ɔyɛ biara bɛwie yie.+
3 Me ba, mma wo werɛ mmfi me nkyerɛkyerɛ,*Na ma w’akoma nni m’ahyɛdeɛ so, 2 Ɛfiri sɛ ɛde nna pii,Ne nkwa tenten* ne asomdwoeɛ bɛka wo ho.+
18 Sɛ wobɛtie me mmara nsɛm a,+ Anka w’asomdwoeɛ bɛyɛ sɛ asubɔnten,+Na wo tenenee ayɛ sɛ po asorɔkye.+