Dwom 19:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Ɔsoro pae mu ka Onyankopɔn animuonyam;+Ewiem nneɛma bɔ ne nsa ano adwuma dawuro.+ Dwom 104:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 O Yehowa, wo nnwuma dɔɔso!+ Nyansa na wode ayɛ ne nyinaa.+ Wo nsa ano adwuma ahyɛ asaase so ma. Dwom 111:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Yehowa nnwuma yɛ nwanwa;+ד [Daleth]Wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa sua ho adeɛ.+ Adiyisɛm 15:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ná wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Adwammaa+ no dwom sɛ: “Yehowa* Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa.+ Mmerɛsanten Hene,+ w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.+
3 Ná wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Adwammaa+ no dwom sɛ: “Yehowa* Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa.+ Mmerɛsanten Hene,+ w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.+