Dwom 33:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Anigyeɛ ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa;+Nnipa a wayi wɔn sɛ n’agyapadeɛ.+ Dwom 37:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ɛfiri sɛ wɔbɛyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ,+Na wɔn a wɔtwɛn Yehowa no, wɔn na asaase no bɛyɛ wɔn dea.+ Dwom 37:37 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 37 Hwɛ onipa a asɛm biara nni ne ho,*Na hwɛ deɛ ɔtene;+Saa onipa no awieeɛ bɛyɛ asomdwoeɛ.+ Dwom 146:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Anigyeɛ ne onipa a ne boafoɔ ne Yakob Nyankopɔn,+Na n’anidasoɔ ne Yehowa, ne Nyankopɔn,+