Dwom 49:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 M’ano bɛka nyansasɛm,Na deɛ medwendwene ho wɔ m’akoma mu+ no bɛkyerɛ sɛ mewɔ nteaseɛ. Dwom 51:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 O Yehowa, bue m’ano,Na m’ano atumi aka w’ayeyie ho asɛm.+ Dwom 143:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Mekae tete mmerɛ mu;Medwendwene wo nnwuma nyinaa ho;+Wo nsa ano adwuma nso mesusu ho.* Filipifoɔ 4:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Afei anuanom, biribiara a ɛyɛ nokorɛ, biribiara a ɛsom bo, biribiara a ɛtene, biribiara a ɛho teɛ, biribiara a ɛyɛ fɛ, biribiara a wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ ne biribiara a ɛsɛ ayeyie no, saa nneɛma yi na monkɔ so nnwene* ho.+
8 Afei anuanom, biribiara a ɛyɛ nokorɛ, biribiara a ɛsom bo, biribiara a ɛtene, biribiara a ɛho teɛ, biribiara a ɛyɛ fɛ, biribiara a wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ ne biribiara a ɛsɛ ayeyie no, saa nneɛma yi na monkɔ so nnwene* ho.+