8 Wɔbɛtenaa so, na wɔsii tenabea kronkron wɔ hɔ maa wo din,+ na wɔkaa sɛ, 9 ‘Sɛ mmusuo, sekan, atemmuo bɔne, nsanyareɛ a ɛdi awuo, anaa ɛkɔm ba yɛn so a, ma yɛnnyina efie yi anim ne w’anim (ɛfiri sɛ wo din da efie yi so),+ na yɛnsu mfrɛ wo yɛn ahohia mu, na tie yɛn na gye yɛn.’+