Dwom 37:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Fa wo ho to Yehowa so na yɛ papa;+Tena asaase so na di nokorɛ.+ Dwom 62:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Momfa mo ho nto ne so daa. Monka mo akoma mu nsɛm nkyerɛ no.+ Onyankopɔn yɛ yɛn dwankɔbea.+ (Sela) Mmebusɛm 3:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Fa w’akoma nyinaa to Yehowa so,+Na mfa wo ho nto* wo ankasa wo nteaseɛ so.+ 1 Petro 4:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Enti wɔn a Onyankopɔn apɛdeɛ nti wɔrehunu amane no, wɔnkɔ so nyɛ papa na wɔmfa wɔn ho* nhyɛ Ɔbɔadeɛ nokwafoɔ no nsa.+
19 Enti wɔn a Onyankopɔn apɛdeɛ nti wɔrehunu amane no, wɔnkɔ so nyɛ papa na wɔmfa wɔn ho* nhyɛ Ɔbɔadeɛ nokwafoɔ no nsa.+