9 Wei akyi no, mehunuiɛ, na hwɛ! nnipakuo kɛseɛ bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wɔfiri aman ne mmusuakuo ne nnipa ne kasa*+ nyinaa mu, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no ne Adwammaa no anim hyehyɛ ntaade tenten fitaa;+ na wɔkurakura berɛ wɔ wɔn nsam.+
4 Yehowa,* hwan koraa na ɔrensuro wo na ɔrenhyɛ wo din animuonyam? Ɛfiri sɛ wo nko ara ne ɔnokwafoɔ.+ Amanaman nyinaa bɛba w’anim abɛsom wo,+ ɛfiri sɛ w’ahyɛdeɛ a ɛtene no ada adi.”