-
Hesekiel 34:13, 14Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
13 Mɛyi wɔn afiri amanaman mu na maboaboa wɔn ano afiri nsaase so de wɔn aba wɔn asaase so. Na mɛma wɔn aduane wɔ Israel mmepɔ so,+ nsutene ho, ne asaase no so tenabea nyinaa. 14 Mɛma wɔn aduane wɔ adidibea pa; Israel mmepɔ atenten so na wɔbɛdidi.+ Ɛhɔ na wɔbɛnya tenabea pa adwodwo wɔn ho+ na wɔadi aduane pa wɔ Israel mmepɔ so.”
-