128 Anigyeɛ ne obiara a ɔsuro Yehowa,+
Na ɔnante n’akwan so.+
2 Wobɛdi deɛ woabrɛ anya.
W’ani bɛgye, na ɛbɛsi wo yie.+
3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba wɔ wo fie.+
Wo mma bɛtenatena wo pono ho ahyia te sɛ ngodua nketewa a ayɛ fɛ.
4 Hwɛ! Saa na wɔbɛhyira ɔbarima a
Ɔsuro Yehowa.+
5 Yehowa bɛfiri Sion ahyira wo.
Fa w’ani hu sɛdeɛ ɛbɛsi Yerusalem yie wo nkwa nna nyinaa,+