44 Mofiri mo agya Ɔbonsam hɔ, na mopɛ sɛ moyɛ mo agya+ no apɛdeɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ,+ na wannyina nokorɛ no mu, ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne suban, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.+
8 Nanso ahufoɔ ne wɔn a wɔnni gyidie+ ne wɔn a wɔn ho nteɛ a wɔyɛ atantanneɛ ne awudifoɔ+ ne adwamammɔfoɔ*+ ne wɔn a wɔdi ahonhonsɛm ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ+ nyinaa deɛ, wɔbɛto wɔn agu* tadeɛ a egya ne sɔfe* dɛre wom+ no mu. Wei ne owuprenu+ no.”