Dwom 55:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Dane w’adesoa to Yehowa so,+Na ɔbɛboa wo.+ Ɔremma ɔteneneeni nhwe ase* da.+ Mmebusɛm 16:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Fa deɛ woyɛ nyinaa hyɛ Yehowa nsa,*+Na wo nhyehyɛeɛ bɛwie yie.