21 Deɛ Saul kaeɛ ne sɛ: “Mede no bɛma no, na asum no fidie, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Filistifoɔ no bɛnya no.”+ Enti Saul san ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ɛnnɛ mepɛ sɛ mede me babaa ma wo awareɛ.”*
25 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Ɔhene rennye ti adeɛ+ biara, na mmom fa adanseɛ bɛkyerɛ no sɛ woakum Filistifoɔ mmarima 100,*+ na fa tua ɔhene atamfo so ka.’” Nanso na Saul pɛ sɛ ɔfa kwan bi so ma Filistifoɔ no kum Dawid.