Mmebusɛm 16:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Adeɛ ketewa a tenenee bata ho no,+ Ɛyɛ sene akatua kɛseɛ a atɛntenenee nni mu.+ Mmebusɛm 30:8, 9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Yi nkontompo ne atorɔ firi me ho kɔ akyirikyiri.+ Mma me ohia anaa ahonyadeɛ. Ma me aduane a ɛbɛso me na menni,+ 9 Na mammee anka sɛ mennim wo, na mammisa sɛ, “Hwan ne Yehowa?”+ Na mma ɛnnhia me, na manwia adeɛ angu me Nyankopɔn din ho fĩ.* 1 Timoteo 6:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Deɛ ɛwom ne sɛ, sɛ obi de onyamesom pa+ bɔ ne bra na ɔma deɛ ɔwɔ sɔ n’ani a, mfasoɔ wɔ so paa.
8 Yi nkontompo ne atorɔ firi me ho kɔ akyirikyiri.+ Mma me ohia anaa ahonyadeɛ. Ma me aduane a ɛbɛso me na menni,+ 9 Na mammee anka sɛ mennim wo, na mammisa sɛ, “Hwan ne Yehowa?”+ Na mma ɛnnhia me, na manwia adeɛ angu me Nyankopɔn din ho fĩ.*