-
Hebrifoɔ 10:5-9Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
5 Enti berɛ a ɔbaa wiase no, ɔkaa sɛ: “‘Afɔreɛ ne ayɛyɛdeɛ deɛ woampɛ, na mmom nipadua na wosiesie maa me. 6 Ɔhyeɛ afɔreɛ ne bɔne ho afɔreɛ ansɔ w’ani.’+ 7 Ɛnna mekaa sɛ: ‘Hwɛ! Maba (wɔatwerɛ me ho asɛm wɔ nwoma mmobɔeɛ* no mu) sɛ merebɛyɛ w’apɛdeɛ, O Onyankopɔn.’”+ 8 Ɔdii kan kaa sɛ: “Afɔreɛ ne ayɛyɛdeɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ ne bɔne ho afɔreɛ deɛ, w’ani ansɔ, na woampɛ”; weinom yɛ afɔreɛ a na Mmara no hwehwɛ. 9 Ɛnna afei ɔkaa sɛ: “Hwɛ! Maba sɛ merebɛyɛ w’apɛdeɛ.”+ Ɔyii deɛ ɛdi kan no firii hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde deɛ ɛtɔ so mmienu no bɛsi hɔ.
-