Dwom 54:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Hwɛ! Onyankopɔn ne me boafoɔ;+Wɔn a wɔkurakura me* no, Yehowa wɔ wɔn afã. Yesaia 50:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Nanso Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛboa me.+ Enti m’anim rengu ase. Ɛno nti, mama m’anim ayɛ sɛ ɛboɔ a ɛyɛ den,+Na menim sɛ m’ani renwu. Hebrifoɔ 13:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ɛma yɛnya akokoɔduro ka sɛ: “Yehowa* ne me boafoɔ; merensuro. Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?”+
7 Nanso Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛboa me.+ Enti m’anim rengu ase. Ɛno nti, mama m’anim ayɛ sɛ ɛboɔ a ɛyɛ den,+Na menim sɛ m’ani renwu.