Dwom 19:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Ɔsoro pae mu ka Onyankopɔn animuonyam;+Ewiem nneɛma bɔ ne nsa ano adwuma dawuro.+ Dwom 104:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Wayɛ bosome sɛ ɛnkyerɛ mmerɛ;Awia nim berɛ a ɛsɛ sɛ ɛkɔtɔ.+ Yesaia 40:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 “Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ. Hwan na ɔbɔɔ weinom nyinaa?+ Ɔno ne Deɛ ɔdi wɔn anim de wɔn pue sɛ asraafoɔ; ɔkan wɔn nyinaa,Na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.+ Ɛsiane n’ahoɔden pii ne ne tumi a ɛyɛ hu nti,+Wɔn mu baako mpo nyera. Romafoɔ 1:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Ɛfiri sɛ ne suban ahodoɔ a nnipa ntumi nhunu, a ɛno ne ne tumi a ɛwɔ hɔ daa+ ne Onyankopɔn ko a ɔyɛ*+ no, ada adi pefee firi berɛ a ɔbɔɔ wiase, na wɔnam nneɛma a wayɛ so na ɛhunu,+ enti wɔnni anoyie biara.
26 “Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ. Hwan na ɔbɔɔ weinom nyinaa?+ Ɔno ne Deɛ ɔdi wɔn anim de wɔn pue sɛ asraafoɔ; ɔkan wɔn nyinaa,Na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.+ Ɛsiane n’ahoɔden pii ne ne tumi a ɛyɛ hu nti,+Wɔn mu baako mpo nyera.
20 Ɛfiri sɛ ne suban ahodoɔ a nnipa ntumi nhunu, a ɛno ne ne tumi a ɛwɔ hɔ daa+ ne Onyankopɔn ko a ɔyɛ*+ no, ada adi pefee firi berɛ a ɔbɔɔ wiase, na wɔnam nneɛma a wayɛ so na ɛhunu,+ enti wɔnni anoyie biara.