Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Mika 6:6-8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  6 Deɛn na memfa mmra Yehowa anim?

      Deɛn na memfa mmɛkoto Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no?

      Memmɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma no?

      Anaa memfa anantwie mma a wɔn mu biara adi afe mmra?+

       7 Yehowa ani bɛsɔ adwennini mpempem,

      Ne ngo asutene mpem du du anaa?+

      Memfa me babarima a ɔyɛ m’abakan mmɛtua m’atuateɛ ka?

      Anaa memfa aba a ɛfiri me mu* mmɛpata me* bɔne?+

       8 O onipa, waka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo.

      Na deɛn na Yehowa rehwehwɛ afiri wo hɔ?

      Ɛno ara ne sɛ wobɛdi asɛntenenee,*+ na woama nokorɛdie ada w’akoma so,*+

      Na woabrɛ wo ho ase+ ne wo Nyankopɔn anante!+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane