15 Ɔno ne Onyankopɔn a wɔnhu no no suban,+ abɔdeɛ nyinaa mu abakan;+ 16 ɛfiri sɛ ne so na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asaase so, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu,+ nhennwa, mpaninnie, nnisoɔ, anaa tumidie. Nneɛma a aka nyinaa wɔnam ne so na ɛbɔeɛ,+ na wɔbɔ maa no.