-
1 Samuel 24:16-18Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
16 Berɛ a Dawid ano siiɛ no, Saul kaa sɛ: “Me ba Dawid, wo nne na mete yi anaa?”+ Ɛnna Saul suu dendeenden. 17 Ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wotene sene me, ɛfiri sɛ papa na woayɛ me, nanso bɔne na mede atua wo ka.+ 18 Ɛnnɛ woama mahu sɛ wo ne me adi no yie, ɛfiri sɛ Yehowa de me hyɛɛ wo nsa, nanso woanku me.+
-