-
Mateo 21:23-25Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
23 Afei ɔkɔɔ asɔrefie hɔ, na berɛ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛbisaa sɛ: “Tumi bɛn na wode yɛ weinom? Na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?”+ 24 Yesu buaa wɔn sɛ: “Me nso, mɛbisa mo asɛm baako. Sɛ moka kyerɛ me a, me nso mɛka tumi korɔ a mede yɛ weinom akyerɛ mo: 25 Ɛhe na Yohane nyaa tumi a ɔde bɔɔ asu no? Ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa?” Na wɔfirii aseɛ susuu ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri soro’ a, ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Ɛnneɛ adɛn nti na moannye no anni?’+
-