10 Nabal buaa Dawid nkoa no sɛ: “Hwan ne Dawid, na hwan ne Yese ba no? Nnansa yi, nkoa a wɔadwane afiri wɔn wuranom nkyɛn adɔɔso.+ 11 M’aduane ne me nsuo ne me nam a makum ama mmarima a wɔretwitwa me nnwan ho nwi no, memfa mma mmarima a mennim baabi a wɔfiri anaa?”