-
2 Berɛsosɛm 25:15, 16Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Ɛno nti Yehowa bo fuu Amasia dendeenden, na ɔsomaa odiyifoɔ bi kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na woakɔdi nkurɔfoɔ no anyame akyi, anyame a wɔantumi annye wɔn ankasa nkurɔfoɔ amfiri wo nsam?”+ 16 N’ano ansi na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo na yɛayi wo sɛ ɔhene fotufoɔ anaa?+ Twa so!+ Adɛn nti na worebɛyɛ ama wɔaku wo?” Ɛnna odiyifoɔ no twaa so, nanso ɔkaa sɛ: “Menim sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wo, enti na woayɛ wei na m’afotuo nso woantie no.”+
-