11 Wɔhuu Egyptni barima bi wɔ wuram hɔ, enti wɔde no kɔmaa Dawid. Wɔmaa no aduane diiɛ, na wɔmaa no nsuo nomeeɛ. 12 Wɔsan maa no borɔdɔma keeki ne bobe keeki mmienu maa no diiɛ, na ɔsan nyaa ahoɔden. Ná ɔnnidiiɛ, na na ɔnnom nsuo nnansa, awia ne anadwo.