6 Deɛ Yehowa,
Israel Hene+ ne ne Gyefoɔ,+ Asafo Yehowa aka nie:
‘Mene deɛ ɔdi kan ne deɛ ɔdi akyire.+
Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho.+
7 Hwan na ɔte sɛ me?+
Ma no mpae mu nka; ɔnka, na ɔmfa ho adanseɛ nsi m’anim!+
Sɛdeɛ mayɛ firi berɛ a mede tetefoɔ no baeɛ no,
Momma wɔnka nneɛma a ɛreba
Ne deɛ ɛbɛba daakye.