-
Mateo 12:15-18Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Berɛ a Yesu hunuu saa no, ɔfirii hɔ kɔe. Nnipa bebree nso dii n’akyi,+ na ɔsaa wɔn nyinaa yareɛ. 16 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ na wɔamma nkurɔfoɔ anhunu onipa korɔ a ɔyɛ,+ 17 na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ Yesaia so kaeɛ no aba mu. Ɔkaa sɛ:
18 “Hwɛ! M’akoa+ a mayi no, deɛ medɔ no a magye no atom!*+ Mɛhwie me honhom agu ne so,+ na ɔbɛma amanaman no ahunu deɛ atɛntenenee kyerɛ pefee.
-