29 Awia ketee, wode wo tiri bɛpempem te sɛ nifirani a esum aduru no+ a ɔde ne tiri pempem, na deɛ wobɛyɛ biara rensi wo yie. Na daa nkurɔfoɔ bɛsisi wo na wɔawia wo ho nneɛma, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye wo.+
52 Nkuro a ɛwɔ w’asaase so nyinaa mu no, wɔbɛka wo ahyɛ mu akɔsi sɛ w’abantenten a wode wo ho ato so no bɛdwiri agu. Sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔbɛka wo ahyɛ wo nkuro no mu wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so baabiara.+